Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? |
Wɔn Gyidi Ne Dɛn?YEHOWA ADANSEFO gye Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, ɔsoro ne asase Bɔfo, no di. Amansan nwonwaso a atwa yɛn ho ahyia no da no adi pefee sɛ Ɔbɔadeɛ pumpuni bi a ɔwɔ tumi ne nyansa na ɔyɛɛ emu nneɛma nyinaa. Sɛnea nnwuma a mmarima ne mmea yɛ da wɔn su adi no, saa ara na nea Yehowa Nyankopɔn ayɛ da ne su ahorow adi. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “efi wiase bɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” Afei nso, “ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam,” a ɛnyɛ wɔn nne anaa nsɛm na wɔde yɛ saa.—Romafo 1:20; Dwom 19:1-4.
Nnipa nyɛ kuku anaa television ne kɔmputa a wonni atirimpɔw. Asase ne ɛso nnua ne mmoa no yɛ nwonwa paa. Nipadua no ne nkwammoaa ɔpepepepem pii a ɛwom no yɛ nea ɛboro yɛn ntease so koraa—amemene no a yɛde dwen nneɛma ho no mpo yɛ nwonwa yiye! Sɛ atirimpɔw bi na nnipa de yɛ nneɛma a yɛbɛka sɛ ɛho nhia ahe biara no a, ɛnde na yebetumi aka sɛ atirimpɔw bi nti na Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa no! Mmebusɛm 16:4 ka sɛ atirimpɔw bi na ɔde yɛ nneɛma: “[Yehowa, NW] yɛ ade nyinaa ma biribi.”
Atirimpɔw bi nti na Yehowa bɔɔ asase, sɛnea ɔka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma . . . , na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Esiane wɔn asoɔden nti, saa awarefo yi antumi amfa mmusua a wɔteɛ a wobefi ɔdɔ mu ahwɛ asase no ne ɛso nnua ne mmoa so no anhyɛ asase no so ma. Nanso saa a wɔantumi anyɛ no mma Yehowa atirimpɔw nyɛ ɔkwa. Mfe mpempem pii akyi no, wɔkyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn, asase no Bɔfo no, wammɔ no hunu.’ “Ɔnwenee sɛ wɔntra so.” Ɛnyɛ sɛ wɔbɛsɛe no, na mmom, ‘asase no tim hɔ daa.’ (Yesaia 45:18; Ɔsɛnkafo 1:4) Yehowa atirimpɔw ma asase no bɛbam: “M’atirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.”—Yesaia 46:10.
Enti, Yehowa Adansefo gye di sɛ asase no bɛtra hɔ daa na nnipa nyinaa, ateasefo ne awufo, a wɔbɛfata ama Yehowa atirimpɔw no bɛtra asase a wɔasiesie so no so daa. Adesamma nyinaa nyaa sintɔ fii Adam ne Hawa hɔ, enti wɔyɛ abɔnefo. (Romafo 5:12) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Romafo 6:23; Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4, 20) Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi atra ase bio anya asase so nhyira no? Ɛdenam Kristo Yesu agyede afɔrebɔ no nkutoo so, efisɛ ɔkae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” “Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29; 11:25; Mateo 20:28. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba? Wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ “ahenni ho asɛmpa” a Yesu fii ase kae bere a na ɔwɔ asase so no mu. (Mateo 4:17-23) Nanso ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ ɔkwan soronko bi so. | ||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||
NEA YEHOWA ADANSEFO GYE DI
| ||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||||
Wotintimii wɔ 2006 mu |