Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? |
Mfaso a Ɛwɔ Asɛmpa a Wɔde Ba Wo
|
| Mmusua ne nnipa a ɛsono wɔn kɔla nyinaa yɛ adwuma bom |
Nnipa mu nyiyim ne ɔhaw biako a ɛrehaw mmusua ne aman kɛse. Nanso, ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Galatifo 3:28) Yehowa Adansefo gye eyi tom. Nnipa a wofi mmusua ahorow mu na ɛsono wɔn honam ani kɔla nyinaa tra yɛ adwuma bom wɔ wɔn wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ, baa dwumadibea ahorow, ne asafo ahorow no mu.
| Kristosom yɛ nea mfaso wɔ so. Dɛn bio na ama nneɛma ayɛ yiye? |
Wɔ Afrika no, mmusua bi ntumi ntra mmom a ntawntawdi mma wɔn ntam. Nanso, wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ hɔ ase no, nnipa a wofi mmusua ahorow mu bom didi, da, som, nya fekubɔ a edi mu. Sɛ aban mpanyimfo hu eyi a, wɔn ho dwiriw wɔn. New York Amsterdam News a ɛbaa August 2, 1958, no kaa biakoyɛ a nokware Kristosom de ba ho nhwɛso bi ho asɛm. Ɛkaa asɛm a ɛte saa esiane amanaman ntam nhyiam a yɛaka ho asɛm dedaw a Adansefo bɛboro mpem ahanu aduonum hyiaam yɛe wɔ New York Kuropɔn mu no nti.
“Abibifo, aborɔfo ne Apuei famfo a ɛsono wɔn asetra na wofi wiase mmeae ahorow no de anigye hyiaam a na wonsuro biribiara. . . . Adansefo a wofi nsase 120 so atra abom asom wɔ asomdwoe mu, na wɔakyerɛ Amerikafo sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi ayɛ saa. . . . Nhyiam no yɛ nhwɛso pa a ɛkyerɛ sɛnea nnipa betumi atra abom ayɛ adwuma.”
Ebia nnipa pii bɛka sɛ Kristosom nnyinasosɛm nyɛ nea mfaso wɔ so nnɛ. Nanso, dɛn bio na ama nneɛma ayɛ yiye anaasɛ ɛbɛma ayɛ yiye? Sɛ wode Kristofo nnyinasosɛm ahorow di dwuma mprempren wɔ wo mpɔtam hɔ a, ɛso bɛba wo mfaso ankasa, na ebetumi aka ‘aman, mmusua, ne nnipa ahorow’ nyinaa abom wɔ wiase nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni a ebedi adesamma so no ase.—Adiyisɛm 7:9, 10.
Wotintimii wɔ 2006 mu |