Yehowa Adansefo Intanɛt so Dwumadibea

Mfiase Beliefs Future Medical Topics Contact Us Publications Languages

Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn?

Asɛm a edi eyi anim

NSA A YƐTO FRƐ WO

Yɛn ani agye sɛ yɛnam nhomawa yi so ne wo abɔ nkɔmmɔ. Yegye di sɛ ɛyɛ wo anigye sɛ woahu Yehowa Adansefo ho nsɛm pii. Yɛsrɛ sɛ bɛsra yɛn wɔ yɛn Ahenni Asa so. Bɛhwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn nhyiam ahorow. Bɛhwɛ sɛnea yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa a ɛfa paradise asase a ɛwɔ Kristo Ahenni ase no ho asɛm akyerɛ nnipa foforo.

Onyankopɔn na wahyɛ ho bɔ. “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Mfehaha pii atwam. Bere a yɛde retwɛn no rebɛn n’awiei. Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no da eyi adi.

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam . . . dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Yɛto nsa frɛ wo sɛ tie Paulo afotu no denam hyia a wo ne yɛn behyiam so.

W’ani begye nsrahwɛ ho?

 

Wotintimii wɔ 2006 mu

MfiaseAtifi Asɛm a edi eyi anim