| Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? | Adesua 10 |
Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi |
|
| Ɛsɛ sɛ wote nka dɛn wɔ nneɛma a Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne no ho? (1) | |
| Nna ho nneyɛe bɛn na ɛnteɛ? (2) | |
| Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni bu atorodi? (3) kyakyatow? (3) korɔnbɔ? (3) basabasayɛ? (4) ahonhonsɛmdi? (5) asabow? (6) | |
| Ɔkwan bɛn so na obi betumi ade ne ho afi su ne nneyɛe a ɛte saa ho? (7) | |
1. Onyankopɔn asomfo dɔ papa. Nanso ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wobekyi bɔne nso. (Dwom 97:10) Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati nneyɛe bi a Onyankopɔn kyi. Saa nneyɛe no bi ne dɛn? 2. Aguamammɔ: Nna a edi aware anim, awaresɛe, mmoa a wɔne wɔn da, mogyafradi ne mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho da nyinaa yɛ bɔne a anibere wom a etia Onyankopɔn. (Leviticus 18:6; Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ nnipa baanu nwaree nanso wɔabom te hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔtetew mu anaasɛ wɔware wɔ mmara kwan so.—Hebrifo 13:4.
3. Atorodi, Kyakyatow, Korɔnbɔ: Yehowa Nyankopɔn ntumi nni atoro. (Tito 1:2) Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom kwati atorodi. (Mmebusɛm 6:16-19; Kolosefo 3:9, 10) Pɛsɛmenkominya wɔ kyakyatow biara mu. Enti Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ kyakyatow biara mu, te sɛ loto, apɔnkɔ mmirikatu, ne nea wɔfrɛ no bingo no. (Efesofo 5:3-5) Na Kristofo mmɔ korɔn. Wɔnhyɛ da ntɔ awifode na wɔmfa nneɛma bere a wommisaa ho kwan.—Exodus 20:15; Efesofo 4:28. 4. Abufufa, Basabasayɛ: Abufuw a obi ntumi nni so betumi ama wayɛ basabasa. (Genesis 4:5-8) Obi a ɔyɛ basabasa ntumi nyɛ Onyankopɔn adamfo. (Dwom 11:5; Mmebusɛm 22:24, 25) Ɛnteɛ sɛ yɛde bɔne betua nneɛma bɔne a afoforo betumi ayɛ atia yɛn no so ka.—Mmebusɛm 24:29; Romafo 5. Kaberekyerɛ ne Ahonhonsɛmdi: Ebinom bisa ahonhom tumi de bɔ mmɔden sɛ wɔde bɛsa nyarewa. Afoforo to wɔn atamfo aduru na ama wɔayare anaa wɔawu mpo. Satan ne tumi a ɔhyɛ nneyɛe yi nyinaa akyi. Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo nya emu kyɛfa biara. (Deuteronomium 18:9-13) Yehowa a yɛbɛbɛn no ne ahobammɔ a ɛsen biara a yebenya wɔ aduru a ebia afoforo bɛto yɛn no ho.—Mmebusɛm 18:10. 6. Asabow: Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛnom bobesa, beer, anaa mmosa foforo kakra. (Dwom 104:15; 1 Timoteo 5:23) Nanso asanom bebrebe ne asabow yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Korintofo 5:11-13; 1 Timoteo 3:8) Nsa a wobɛnom no pii dodo no betumi asɛe w’akwahosan ne w’abusua. Ebetumi ama sɔhwɛ afoforo adi wo so ntɛmntɛm.—Mmebusɛm 23:20, 21, 29-35. 7. Nnipa a wɔyɛ nneɛma a Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne no “rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:19-21) Sɛ wodɔ Onyankopɔn ankasa na wopɛ sɛ wosɔ n’ani a, wubetumi atwe wo ho afi saa nneyɛe yi ho. (1 Yohane 5:3) Sua sɛnea wubekyi nea Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne. (Romafo 12:9) Wo ne nnipa a wɔwɔ suban pa mmɔ fekuw. (Mmebusɛm 13:20) Kristofo a wɔn ho akokwaw a wubenya wɔn ayɔnkofo no betumi de mmoa ama wo. (Yakobo 5:14) Nea ɛsen ne nyinaa no, fa wo ho to Onyankopɔn mmoa so denam mpaebɔ so.—Filipifo 4:6, 7, 13. |
||
Wotintimii wɔ 1996 mu |
|
Copyright © 2008 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. All rights reserved. |
|