| Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? | Adesua 15 |
Onyankopɔn Apɛde a Wobɛboa Afoforo Ma Wɔayɛ |
|
| Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka nea wusua no ho asɛm kyerɛ afoforo? (1) | |
| Henanom na wubetumi aka asɛmpa no akyerɛ wɔn? (2) | |
| Nkɛntɛnso bɛn na wo nneyɛe betumi anya wɔ afoforo so? (2) | |
| Bere bɛn na wubetumi ne mo hɔnom asafo no abom aka asɛm? (3) | |
1. Ɛde besi saa bere yi woasua nneɛma pa pii afi Bible mu. Ɛsɛ sɛ nimdeɛ yi ma wunya Kristofo nipasu. (Efesofo 4:22-24) Saa nimdeɛ yi hia na ama woanya daa nkwa. (Yohane 17:3) Nanso, ɛho hia sɛ afoforo nso te asɛmpa no na ama wɔatumi agye wɔn nkwa. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa di afoforo adanse. Ɛyɛ Onyankopɔn ahyɛde.—Romafo 10:10; 1 Korintofo 9:16; 1 Timoteo 4:16. 2. Wubetumi afi ase denam wɔn a wɔbɛn wo a wobɛka nneɛma pa a woresua no akyerɛ wɔn no so. Ka kyerɛ w’abusuafo, wo nnamfo, wo mfɛfo sukuufo, ne wo mfɛfo adwumayɛfo. Bere a woyɛ saa no, da ayamye ne boasetɔ adi. (2 Timoteo 2:24, 25) Kae sɛ nkurɔfo taa hwɛ obi nneyɛe sen sɛnea wotie nea ɔka. Enti, wo nneyɛe pa no betumi atwetwe afoforo ma wɔatie asɛm a woka kyerɛ wɔn no.—Mateo 5:16; 1 Petro 3:1, 2, 16. 3. Bere bi akyi no, wubetumi afata sɛ wufi ase ne mo hɔnom Yehowa Adansefo asafo no bom ka asɛm no. Eyi yɛ wo nkɔso no mu adeyɛ a ɛho hia. (Mateo 24:14) Sɛ wutumi boa obi foforo ma ɔbɛyɛ Yehowa somfo na onya daa nkwa a, hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ!—1 Tesalonikafo 2:19, 20. |
||
Wotintimii wɔ 1996 mu |
|
Copyright © 2008 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. All rights reserved. |
|